Native Bible

Isaiah 41:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Makanyane obi a ɔfiri atifi fam na ɔreba, deɛ ɔfiri owia apueeɛ na ɔbɔ me din. Ɔtiatia sodifoɔ so te sɛ dɔteɛ a wɔde si dan, te sɛ ɔnwomfoɔ a ɔrewɔ dɔteɛ.

Isaiah 41:25 in English

Isaiah 41:25 · Berean Standard Bible

I have raised up one from the north, and he has come— one from the east who calls on My name. He will march over rulers as if they were mortar, like a potter who treads the clay.

Context

23Monka nkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛsi daakye, na ama yɛahunu sɛ moyɛ anyame. Monyɛ biribi, sɛ ɛyɛ anaa ɛnyɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn aba mu bɛbu na ehu aka yɛn. 24Nanso, monnka hwee, na mo nnwuma ho nni mfasoɔ; deɛ ɔfa mo no yɛ akyiwadeɛ. 25“Makanyane obi a ɔfiri atifi fam na ɔreba, deɛ ɔfiri owia apueeɛ na ɔbɔ me din. Ɔtiatia sodifoɔ so te sɛ dɔteɛ a wɔde si dan, te sɛ ɔnwomfoɔ a ɔrewɔ dɔteɛ. 26Hwan na ɔkaa yei ho asɛm firii ahyɛaseɛ, sɛdeɛ anka ɛbɛma yɛahunu, anaa waka ato hɔ, sɛdeɛ yɛbɛtumi aka sɛ, ‘Ne deɛ no yɛ’? Obiara anka yei, obiara anni ɛkan anka, obiara ante nsɛm biara amfiri wo nkyɛn. 27Me na medii ɛkan ka kyerɛɛ Sion, ‘Hwɛ, wɔn nie!’ Mɛma Yerusalem ɔsomafoɔ bi a ɔde asɛmpa bɛba.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.