Native Bible

Isaiah 33:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ Sion abɔ huboa; ahopopoɔ aka wɔn a wɔnnim Onyame: “Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne ogya a ɛhye adeɛ atena? Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne daa ogya dɛreɛ atena?”

Isaiah 33:14 in English

Isaiah 33:14 · Berean Standard Bible

The sinners in Zion are afraid; trembling grips the ungodly: “Who of us can dwell with a consuming fire? Who of us can dwell with everlasting flames?”

Context

12Wɔbɛhye aman no ama wɔayɛ sɛ akaadoo; wɔbɛto wɔn mu ogya te sɛ nkasɛɛ a wɔatwa.” 13Mo a mowɔ akyirikyiri no, montie deɛ mayɛ; mo a mobɛn no, monkamfo me kɛseyɛ! 14Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ Sion abɔ huboa; ahopopoɔ aka wɔn a wɔnnim Onyame: “Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne ogya a ɛhye adeɛ atena? Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne daa ogya dɛreɛ atena?” 15Deɛ ɔnante tenenee mu na ɔdi nokorɛ deɛ ɔpo mfasoɔ a nsisie de ba na ɔnnye adanmudeɛ, deɛ ɔntie awudie ho pɔ bɔ deɛ ɔmpɛ sɛ ɔhunu bɔneyɛ ho agyinatuo no, 16saa onipa yi na ɔbɛtena ɔsorosoro hɔ. Ne dwanekɔbea bɛyɛ bepɔ aban no. Wɔde nʼaduane bɛma no na ne nsuo mmɔ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.