Native Bible

Isaiah 33:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

saa onipa yi na ɔbɛtena ɔsorosoro hɔ. Ne dwanekɔbea bɛyɛ bepɔ aban no. Wɔde nʼaduane bɛma no na ne nsuo mmɔ no.

Isaiah 33:16 in English

Isaiah 33:16 · Berean Standard Bible

he will dwell on the heights; the mountain fortress will be his refuge; his food will be provided and his water assured.

Context

14Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ Sion abɔ huboa; ahopopoɔ aka wɔn a wɔnnim Onyame: “Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne ogya a ɛhye adeɛ atena? Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne daa ogya dɛreɛ atena?” 15Deɛ ɔnante tenenee mu na ɔdi nokorɛ deɛ ɔpo mfasoɔ a nsisie de ba na ɔnnye adanmudeɛ, deɛ ɔntie awudie ho pɔ bɔ deɛ ɔmpɛ sɛ ɔhunu bɔneyɛ ho agyinatuo no, 16saa onipa yi na ɔbɛtena ɔsorosoro hɔ. Ne dwanekɔbea bɛyɛ bepɔ aban no. Wɔde nʼaduane bɛma no na ne nsuo mmɔ no. 17Mo ani bɛhunu ɔhene no wɔ nʼanimuonyam mu na moahunu asase a ɛtrɛ kɔ akyirikyiri no. 18Mo adwendwene mu no, mobɛbooboo deɛ na ɔhunahuna mo no ho: “Odwumayɛfoɔ panin no wɔ he? Deɛ na ɔgyegye toɔ no wɔ he? Deɛ na ɔhwɛ aban tenten so no wɔ he?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.