Yesaia 33:17
Isaiah 33:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mo ani bɛhunu ɔhene no wɔ nʼanimuonyam mu na moahunu asase a ɛtrɛ kɔ akyirikyiri no.
Isaiah 33:17 in English
Isaiah 33:17 · Berean Standard Bible
Your eyes will see the King in His beauty and behold a land that stretches afar.
Context
15Deɛ ɔnante tenenee mu
na ɔdi nokorɛ
deɛ ɔpo mfasoɔ a nsisie de ba
na ɔnnye adanmudeɛ,
deɛ ɔntie awudie ho pɔ bɔ
deɛ ɔmpɛ sɛ ɔhunu bɔneyɛ ho agyinatuo no, 16saa onipa yi na ɔbɛtena ɔsorosoro hɔ.
Ne dwanekɔbea bɛyɛ bepɔ aban no.
Wɔde nʼaduane bɛma no
na ne nsuo mmɔ no. 17Mo ani bɛhunu ɔhene no wɔ nʼanimuonyam mu
na moahunu asase a ɛtrɛ kɔ akyirikyiri no. 18Mo adwendwene mu no, mobɛbooboo deɛ na ɔhunahuna mo no ho:
“Odwumayɛfoɔ panin no wɔ he?
Deɛ na ɔgyegye toɔ no wɔ he?
Deɛ na ɔhwɛ aban tenten so no wɔ he?” 19Morenhunu saa ahantanfoɔ no bio,
wɔn a wɔn kasa mu nna hɔ,
na monte deɛ wɔka no ase no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.