Yesaia 33:19
Isaiah 33:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Morenhunu saa ahantanfoɔ no bio, wɔn a wɔn kasa mu nna hɔ, na monte deɛ wɔka no ase no.
Isaiah 33:19 in English
Isaiah 33:19 · Berean Standard Bible
You will no longer see the insolent, a people whose speech is unintelligible, who stammer in a language you cannot understand.
Context
17Mo ani bɛhunu ɔhene no wɔ nʼanimuonyam mu
na moahunu asase a ɛtrɛ kɔ akyirikyiri no. 18Mo adwendwene mu no, mobɛbooboo deɛ na ɔhunahuna mo no ho:
“Odwumayɛfoɔ panin no wɔ he?
Deɛ na ɔgyegye toɔ no wɔ he?
Deɛ na ɔhwɛ aban tenten so no wɔ he?” 19Morenhunu saa ahantanfoɔ no bio,
wɔn a wɔn kasa mu nna hɔ,
na monte deɛ wɔka no ase no. 20Monhwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuropɔn no;
mo ani bɛhunu Yerusalem,
asomdwoeɛ tenaberɛ, ntomadan a wɔnntutu;
wɔrentutu ne mpɛɛwa da,
na wɔrentete ne ntampehoma mu nso. 21Ɛhɔ na Awurade bɛyɛ yɛn Otumfoɔ.
Ɛbɛyɛ sɛ beaeɛ a nsuo akɛseɛ ne nsuwansuwa wɔ.
Ahyɛmma a wɔhare remfa so;
ahyɛn akɛseɛ rennante so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.