Native Bible

Isaiah 33:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛhɔ na Awurade bɛyɛ yɛn Otumfoɔ. Ɛbɛyɛ sɛ beaeɛ a nsuo akɛseɛ ne nsuwansuwa wɔ. Ahyɛmma a wɔhare remfa so; ahyɛn akɛseɛ rennante so.

Isaiah 33:21 in English

Isaiah 33:21 · Berean Standard Bible

But there the Majestic One, our LORD, will be for us a place of rivers and wide canals, where no galley with oars will row, and no majestic vessel will pass.

Context

19Morenhunu saa ahantanfoɔ no bio, wɔn a wɔn kasa mu nna hɔ, na monte deɛ wɔka no ase no. 20Monhwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuropɔn no; mo ani bɛhunu Yerusalem, asomdwoeɛ tenaberɛ, ntomadan a wɔnntutu; wɔrentutu ne mpɛɛwa da, na wɔrentete ne ntampehoma mu nso. 21Ɛhɔ na Awurade bɛyɛ yɛn Otumfoɔ. Ɛbɛyɛ sɛ beaeɛ a nsuo akɛseɛ ne nsuwansuwa wɔ. Ahyɛmma a wɔhare remfa so; ahyɛn akɛseɛ rennante so. 22Na Awurade ne yɛn ɔtemmufoɔ, Awurade ne yɛn mmarahyɛfoɔ, Awurade ne yɛn ɔhene; na ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa. 23Wo ntampehoma mu ago enti ɛhyɛn dua no nnyina hɔ yie, na wɔntrɛɛ ɛhyɛn so ntoma no mu. Afei wɔbɛkyɛ asadeɛ bebree no mu na mpakye mpo bɛsoa afodeɛ akɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.