Yesaia 33:22
Isaiah 33:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Awurade ne yɛn ɔtemmufoɔ, Awurade ne yɛn mmarahyɛfoɔ, Awurade ne yɛn ɔhene; na ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa.
Isaiah 33:22 in English
Isaiah 33:22 · Berean Standard Bible
For the LORD is our Judge, the LORD is our lawgiver, the LORD is our King. It is He who will save us.
Context
20Monhwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuropɔn no;
mo ani bɛhunu Yerusalem,
asomdwoeɛ tenaberɛ, ntomadan a wɔnntutu;
wɔrentutu ne mpɛɛwa da,
na wɔrentete ne ntampehoma mu nso. 21Ɛhɔ na Awurade bɛyɛ yɛn Otumfoɔ.
Ɛbɛyɛ sɛ beaeɛ a nsuo akɛseɛ ne nsuwansuwa wɔ.
Ahyɛmma a wɔhare remfa so;
ahyɛn akɛseɛ rennante so. 22Na Awurade ne yɛn ɔtemmufoɔ,
Awurade ne yɛn mmarahyɛfoɔ,
Awurade ne yɛn ɔhene;
na ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa. 23Wo ntampehoma mu ago
enti ɛhyɛn dua no nnyina hɔ yie,
na wɔntrɛɛ ɛhyɛn so ntoma no mu.
Afei wɔbɛkyɛ asadeɛ bebree no mu
na mpakye mpo bɛsoa afodeɛ akɔ. 24Obiara nni Sion a ɔbɛka sɛ, “Meyare”;
na wɔde wɔn a wɔte hɔ no bɔne bɛkyɛ wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.