Native Bible

Isaiah 33:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Monhwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuropɔn no; mo ani bɛhunu Yerusalem, asomdwoeɛ tenaberɛ, ntomadan a wɔnntutu; wɔrentutu ne mpɛɛwa da, na wɔrentete ne ntampehoma mu nso.

Isaiah 33:20 in English

Isaiah 33:20 · Berean Standard Bible

Look upon Zion, the city of our appointed feasts. Your eyes will see Jerusalem, a peaceful pasture, a tent that does not wander; its tent pegs will not be pulled up, nor will any of its cords be broken.

Context

18Mo adwendwene mu no, mobɛbooboo deɛ na ɔhunahuna mo no ho: “Odwumayɛfoɔ panin no wɔ he? Deɛ na ɔgyegye toɔ no wɔ he? Deɛ na ɔhwɛ aban tenten so no wɔ he?” 19Morenhunu saa ahantanfoɔ no bio, wɔn a wɔn kasa mu nna hɔ, na monte deɛ wɔka no ase no. 20Monhwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuropɔn no; mo ani bɛhunu Yerusalem, asomdwoeɛ tenaberɛ, ntomadan a wɔnntutu; wɔrentutu ne mpɛɛwa da, na wɔrentete ne ntampehoma mu nso. 21Ɛhɔ na Awurade bɛyɛ yɛn Otumfoɔ. Ɛbɛyɛ sɛ beaeɛ a nsuo akɛseɛ ne nsuwansuwa wɔ. Ahyɛmma a wɔhare remfa so; ahyɛn akɛseɛ rennante so. 22Na Awurade ne yɛn ɔtemmufoɔ, Awurade ne yɛn mmarahyɛfoɔ, Awurade ne yɛn ɔhene; na ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.