Yesaia 33:13
Isaiah 33:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mo a mowɔ akyirikyiri no, montie deɛ mayɛ; mo a mobɛn no, monkamfo me kɛseyɛ!
Isaiah 33:13 in English
Isaiah 33:13 · Berean Standard Bible
You who are far off, hear what I have done; you who are near, acknowledge My might.”
Context
11Monyinsɛne ntɛtɛ,
na mo wo ɛserɛ;
mo ahome yɛ ogya a ɛhye mo. 12Wɔbɛhye aman no ama wɔayɛ sɛ akaadoo;
wɔbɛto wɔn mu ogya te sɛ nkasɛɛ a wɔatwa.” 13Mo a mowɔ akyirikyiri no, montie deɛ mayɛ;
mo a mobɛn no, monkamfo me kɛseyɛ! 14Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ Sion abɔ huboa;
ahopopoɔ aka wɔn a wɔnnim Onyame:
“Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne ogya a ɛhye adeɛ atena?
Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne daa ogya dɛreɛ atena?” 15Deɛ ɔnante tenenee mu
na ɔdi nokorɛ
deɛ ɔpo mfasoɔ a nsisie de ba
na ɔnnye adanmudeɛ,
deɛ ɔntie awudie ho pɔ bɔ
deɛ ɔmpɛ sɛ ɔhunu bɔneyɛ ho agyinatuo no,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.