Native Bible

Isaiah 33:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔbɛhye aman no ama wɔayɛ sɛ akaadoo; wɔbɛto wɔn mu ogya te sɛ nkasɛɛ a wɔatwa.”

Isaiah 33:12 in English

Isaiah 33:12 · Berean Standard Bible

The peoples will be burned to ashes, like thorns cut down and set ablaze.

Context

10“Afei na mɛsɔre,” sei na Awurade seɛ. “Afei na wɔbɛpagya me; afei na wɔbɛma me so akɔ soro. 11Monyinsɛne ntɛtɛ, na mo wo ɛserɛ; mo ahome yɛ ogya a ɛhye mo. 12Wɔbɛhye aman no ama wɔayɛ sɛ akaadoo; wɔbɛto wɔn mu ogya te sɛ nkasɛɛ a wɔatwa.” 13Mo a mowɔ akyirikyiri no, montie deɛ mayɛ; mo a mobɛn no, monkamfo me kɛseyɛ! 14Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ Sion abɔ huboa; ahopopoɔ aka wɔn a wɔnnim Onyame: “Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne ogya a ɛhye adeɛ atena? Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne daa ogya dɛreɛ atena?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.