Yesaia 33:10
Isaiah 33:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Afei na mɛsɔre,” sei na Awurade seɛ. “Afei na wɔbɛpagya me; afei na wɔbɛma me so akɔ soro.
Isaiah 33:10 in English
Isaiah 33:10 · Berean Standard Bible
“Now I will arise,” says the LORD. “Now I will lift Myself up. Now I will be exalted.
Context
8Akwantempɔn no so da hɔ kwa,
akwantufoɔ biara nni akwan no so.
Wɔabu apam no so;
wɔbu nʼadansefoɔ animtia
wɔmmu obiara. 9Asase no awo wesee na ɛresɛe,
Lebanon agyigya na nʼanim agu ase;
Saron ayɛ sɛ Araba,
Basan ne Karmel poro wɔn nhahan. 10“Afei na mɛsɔre,” sei na Awurade seɛ.
“Afei na wɔbɛpagya me;
afei na wɔbɛma me so akɔ soro. 11Monyinsɛne ntɛtɛ,
na mo wo ɛserɛ;
mo ahome yɛ ogya a ɛhye mo. 12Wɔbɛhye aman no ama wɔayɛ sɛ akaadoo;
wɔbɛto wɔn mu ogya te sɛ nkasɛɛ a wɔatwa.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.