Native Bible

Isaiah 28:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti afei Awurade bɛti asɛm a ɔde maa wɔn no mu bio: Ɔbɛka yei, na waka yei, ɔbɛma mmara foforɔ akyi mmara; ɔbɛkyerɛ ɛha kakra, na wakyerɛ ɛhɔ nso kakra, na ɛbɛma wɔn apini wɔn akyi; wɔbɛpirapira, na wɔatɔ afidie mu, na wɔakye wɔn.

Isaiah 28:13 in English

Isaiah 28:13 · Berean Standard Bible

Then the word of the LORD to them will become: “Order on order, order on order, line on line, line on line; a little here, a little there,” so that they will go stumbling backward and will be injured, ensnared, and captured.

Context

11Ɛno enti, ɛyɛ ananafoɔ ano ne kasa foforɔ na Onyankopɔn de bɛkasa akyerɛ saa nkurɔfoɔ yi. 12Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛha ne ahomegyebea no, momma abrɛfoɔ no nhome; ahodwobea nso nie,” nanso wɔantie no. 13Enti afei Awurade bɛti asɛm a ɔde maa wɔn no mu bio: Ɔbɛka yei, na waka yei, ɔbɛma mmara foforɔ akyi mmara; ɔbɛkyerɛ ɛha kakra, na wakyerɛ ɛhɔ nso kakra, na ɛbɛma wɔn apini wɔn akyi; wɔbɛpirapira, na wɔatɔ afidie mu, na wɔakye wɔn. 14Ɛno enti, montie Awurade asɛm, mo fɛdifoɔ a modi saa nkurɔfoɔ yi so wɔ Yerusalem. 15Mohoahoa mo ho sɛ, “Yɛ ne owuo ayɛ apam, yɛ ne damena ayɛ nhyehyɛeɛ sɛ asotwe a ano yɛ den ba a, ɛrentumi nka yɛn, ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea ne nnaadaa ayɛ yɛn atɛeɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.