Yesaia 28:14
Isaiah 28:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno enti, montie Awurade asɛm, mo fɛdifoɔ a modi saa nkurɔfoɔ yi so wɔ Yerusalem.
Isaiah 28:14 in English
Isaiah 28:14 · Berean Standard Bible
Therefore hear the word of the LORD, O scoffers who rule this people in Jerusalem.
Context
12Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,
“Ɛha ne ahomegyebea no, momma abrɛfoɔ no nhome;
ahodwobea nso nie,”
nanso wɔantie no. 13Enti afei Awurade bɛti asɛm a ɔde maa wɔn no mu bio:
Ɔbɛka yei, na waka yei,
ɔbɛma mmara foforɔ akyi mmara;
ɔbɛkyerɛ ɛha kakra, na wakyerɛ ɛhɔ nso kakra,
na ɛbɛma wɔn apini wɔn akyi;
wɔbɛpirapira, na wɔatɔ afidie mu, na wɔakye wɔn. 14Ɛno enti, montie Awurade asɛm, mo fɛdifoɔ
a modi saa nkurɔfoɔ yi so wɔ Yerusalem. 15Mohoahoa mo ho sɛ, “Yɛ ne owuo ayɛ apam,
yɛ ne damena ayɛ nhyehyɛeɛ
sɛ asotwe a ano yɛ den ba a,
ɛrentumi nka yɛn,
ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea
ne nnaadaa ayɛ yɛn atɛeɛ.” 16Enti, deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie,
“Hwɛ! Mede ɛboɔ bi retim Sion,
ɛboɔ a wɔasɔ ahwɛ,
tweatiboɔ a ɛsom bo ma fapem a ɛyɛ den;
deɛ ɔde ne ho to soɔ no abasa mu rentu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.