Yesaia 28:12
Isaiah 28:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛha ne ahomegyebea no, momma abrɛfoɔ no nhome; ahodwobea nso nie,” nanso wɔantie no.
Isaiah 28:12 in English
Isaiah 28:12 · Berean Standard Bible
to whom He has said: “This is the place of rest, let the weary rest; this is the place of repose.” But they would not listen.
Context
10Ɔkasa bebree:
Ɔka yei, na waka yei
ɔma mmara foforɔ akyi mmara;
ɔkyerɛ ɛha kakra, na wakyerɛ ɛhɔ nso kakra.” 11Ɛno enti, ɛyɛ ananafoɔ ano ne kasa foforɔ
na Onyankopɔn de bɛkasa akyerɛ saa nkurɔfoɔ yi. 12Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ,
“Ɛha ne ahomegyebea no, momma abrɛfoɔ no nhome;
ahodwobea nso nie,”
nanso wɔantie no. 13Enti afei Awurade bɛti asɛm a ɔde maa wɔn no mu bio:
Ɔbɛka yei, na waka yei,
ɔbɛma mmara foforɔ akyi mmara;
ɔbɛkyerɛ ɛha kakra, na wakyerɛ ɛhɔ nso kakra,
na ɛbɛma wɔn apini wɔn akyi;
wɔbɛpirapira, na wɔatɔ afidie mu, na wɔakye wɔn. 14Ɛno enti, montie Awurade asɛm, mo fɛdifoɔ
a modi saa nkurɔfoɔ yi so wɔ Yerusalem.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.