Native Bible

Isaiah 28:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛno enti, ɛyɛ ananafoɔ ano ne kasa foforɔ na Onyankopɔn de bɛkasa akyerɛ saa nkurɔfoɔ yi.

Isaiah 28:11 in English

Isaiah 28:11 · Berean Standard Bible

Indeed, with mocking lips and foreign tongues, He will speak to this people *

Context

9Wɔka sɛ, “Deɛn na Awurade dwene fa yɛn ho? Ɔdwen sɛ yɛyɛ mmɔfra anaa? Mmɔfra a wɔatwa wɔn nufoɔ anaa? 10Ɔkasa bebree: Ɔka yei, na waka yei ɔma mmara foforɔ akyi mmara; ɔkyerɛ ɛha kakra, na wakyerɛ ɛhɔ nso kakra.” 11Ɛno enti, ɛyɛ ananafoɔ ano ne kasa foforɔ na Onyankopɔn de bɛkasa akyerɛ saa nkurɔfoɔ yi. 12Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛha ne ahomegyebea no, momma abrɛfoɔ no nhome; ahodwobea nso nie,” nanso wɔantie no. 13Enti afei Awurade bɛti asɛm a ɔde maa wɔn no mu bio: Ɔbɛka yei, na waka yei, ɔbɛma mmara foforɔ akyi mmara; ɔbɛkyerɛ ɛha kakra, na wakyerɛ ɛhɔ nso kakra, na ɛbɛma wɔn apini wɔn akyi; wɔbɛpirapira, na wɔatɔ afidie mu, na wɔakye wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.