Native Bible

Isaiah 28:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mohoahoa mo ho sɛ, “Yɛ ne owuo ayɛ apam, yɛ ne damena ayɛ nhyehyɛeɛ sɛ asotwe a ano yɛ den ba a, ɛrentumi nka yɛn, ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea ne nnaadaa ayɛ yɛn atɛeɛ.”

Isaiah 28:15 in English

Isaiah 28:15 · Berean Standard Bible

For you said, “We have made a covenant with death; we have fashioned an agreement with Sheol. When the overwhelming scourge passes through it will not touch us, because we have made lies our refuge and falsehood * our hiding place.”

Context

13Enti afei Awurade bɛti asɛm a ɔde maa wɔn no mu bio: Ɔbɛka yei, na waka yei, ɔbɛma mmara foforɔ akyi mmara; ɔbɛkyerɛ ɛha kakra, na wakyerɛ ɛhɔ nso kakra, na ɛbɛma wɔn apini wɔn akyi; wɔbɛpirapira, na wɔatɔ afidie mu, na wɔakye wɔn. 14Ɛno enti, montie Awurade asɛm, mo fɛdifoɔ a modi saa nkurɔfoɔ yi so wɔ Yerusalem. 15Mohoahoa mo ho sɛ, “Yɛ ne owuo ayɛ apam, yɛ ne damena ayɛ nhyehyɛeɛ sɛ asotwe a ano yɛ den ba a, ɛrentumi nka yɛn, ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea ne nnaadaa ayɛ yɛn atɛeɛ.” 16Enti, deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Hwɛ! Mede ɛboɔ bi retim Sion, ɛboɔ a wɔasɔ ahwɛ, tweatiboɔ a ɛsom bo ma fapem a ɛyɛ den; deɛ ɔde ne ho to soɔ no abasa mu rentu. 17Mede atɛntenenee bɛyɛ susuhoma na teneneeyɛ ayɛ ɔfasuo kyirebennyɛ susuhoma. Asukɔtweaa bɛsɛe wo dwanekɔbea, a ɛyɛ atorɔ no, na nsuo abɛkata wʼatɛeɛ hɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.