Native Bible

Isaiah 14:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mpo, pepeaa nnua ne Lebanon ntweneduro nya ho anigyeɛ na wɔka sɛ, “Afei a wɔabrɛ wo ase yi, duatwafoɔ biara remmetwa yɛn.”

Isaiah 14:8 in English

Isaiah 14:8 · Berean Standard Bible

Even the cypresses * and cedars of Lebanon exult over you: “Since you have been laid low, no woodcutter comes against us.”

Context

6deɛ abufuo mu no ɔde bobɔɔ wɔn toatoaa so hwehwee fam, na abufuhyeɛ mu ɔtintim wɔn so a ahomegyeɛ nni mu de brɛɛ amanaman no ase. 7Nsase no nyinaa rehome wɔ asomdwoeɛ mu; na wɔto dwom. 8Mpo, pepeaa nnua ne Lebanon ntweneduro nya ho anigyeɛ na wɔka sɛ, “Afei a wɔabrɛ wo ase yi, duatwafoɔ biara remmetwa yɛn.” 9Damena a ɛwɔ aseɛ no rekeka ne ho abɛhyia wo kwan; ɛkanyane wɔn a wɔafiri mu no honhom sɛ wɔmmɛma wo akwaaba, wɔn a na wɔyɛ akannifoɔ wɔ ewiase, ɛma wɔsɔre firi wɔn nhennwa so, wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so. 10Wɔn nyinaa bɛgye so, wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, “Wo nso woayɛ mmrɛ sɛ yɛn; woayɛ sɛ yɛn ara.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.