Native Bible

Isaiah 14:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nsase no nyinaa rehome wɔ asomdwoeɛ mu; na wɔto dwom.

Isaiah 14:7 in English

Isaiah 14:7 · Berean Standard Bible

All the earth is at peace and at rest; they break out in song.

Context

5Awurade abubu otirimuɔdenfoɔ no abaa mu, sodifoɔ ahempoma no, 6deɛ abufuo mu no ɔde bobɔɔ wɔn toatoaa so hwehwee fam, na abufuhyeɛ mu ɔtintim wɔn so a ahomegyeɛ nni mu de brɛɛ amanaman no ase. 7Nsase no nyinaa rehome wɔ asomdwoeɛ mu; na wɔto dwom. 8Mpo, pepeaa nnua ne Lebanon ntweneduro nya ho anigyeɛ na wɔka sɛ, “Afei a wɔabrɛ wo ase yi, duatwafoɔ biara remmetwa yɛn.” 9Damena a ɛwɔ aseɛ no rekeka ne ho abɛhyia wo kwan; ɛkanyane wɔn a wɔafiri mu no honhom sɛ wɔmmɛma wo akwaaba, wɔn a na wɔyɛ akannifoɔ wɔ ewiase, ɛma wɔsɔre firi wɔn nhennwa so, wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.