Yesaia 14:9
Isaiah 14:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Damena a ɛwɔ aseɛ no rekeka ne ho abɛhyia wo kwan; ɛkanyane wɔn a wɔafiri mu no honhom sɛ wɔmmɛma wo akwaaba, wɔn a na wɔyɛ akannifoɔ wɔ ewiase, ɛma wɔsɔre firi wɔn nhennwa so, wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so.
Isaiah 14:9 in English
Isaiah 14:9 · Berean Standard Bible
Sheol beneath is eager to meet you upon your arrival. It stirs the spirits of the dead to greet you— all the rulers of the earth. It makes all the kings of the nations rise from their thrones.
Context
7Nsase no nyinaa rehome wɔ asomdwoeɛ mu;
na wɔto dwom. 8Mpo, pepeaa nnua ne Lebanon ntweneduro
nya ho anigyeɛ na wɔka sɛ,
“Afei a wɔabrɛ wo ase yi,
duatwafoɔ biara remmetwa yɛn.” 9Damena a ɛwɔ aseɛ no rekeka ne ho
abɛhyia wo kwan;
ɛkanyane wɔn a wɔafiri mu no honhom
sɛ wɔmmɛma wo akwaaba,
wɔn a na wɔyɛ akannifoɔ wɔ ewiase,
ɛma wɔsɔre firi wɔn nhennwa so,
wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so. 10Wɔn nyinaa bɛgye so,
wɔbɛka akyerɛ wo sɛ,
“Wo nso woayɛ mmrɛ sɛ yɛn;
woayɛ sɛ yɛn ara.” 11Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba damena mu,
ne hooyɛ a ɛfiri wo nsankuo no;
wɔde nsammaa asɛ kɛtɛ ama wo
na asonsono akata wo so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.