Native Bible

Isaiah 14:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn nyinaa bɛgye so, wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, “Wo nso woayɛ mmrɛ sɛ yɛn; woayɛ sɛ yɛn ara.”

Isaiah 14:10 in English

Isaiah 14:10 · Berean Standard Bible

They will all respond to you, saying, “You too have become weak, as we are; you have become like us!”

Context

8Mpo, pepeaa nnua ne Lebanon ntweneduro nya ho anigyeɛ na wɔka sɛ, “Afei a wɔabrɛ wo ase yi, duatwafoɔ biara remmetwa yɛn.” 9Damena a ɛwɔ aseɛ no rekeka ne ho abɛhyia wo kwan; ɛkanyane wɔn a wɔafiri mu no honhom sɛ wɔmmɛma wo akwaaba, wɔn a na wɔyɛ akannifoɔ wɔ ewiase, ɛma wɔsɔre firi wɔn nhennwa so, wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so. 10Wɔn nyinaa bɛgye so, wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, “Wo nso woayɛ mmrɛ sɛ yɛn; woayɛ sɛ yɛn ara.” 11Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba damena mu, ne hooyɛ a ɛfiri wo nsankuo no; wɔde nsammaa asɛ kɛtɛ ama wo na asonsono akata wo so. 12Sɛdeɛ wofiri soro abɛhwe fam, Ao, anɔpa nsoromma, adekyeeɛ babarima! Wɔato wo abɛhwe asase so, wo a na kane no wobrɛ amanaman ase!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.