Native Bible

Isaiah 14:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛdeɛ wofiri soro abɛhwe fam, Ao, anɔpa nsoromma, adekyeeɛ babarima! Wɔato wo abɛhwe asase so, wo a na kane no wobrɛ amanaman ase!

Isaiah 14:12 in English

Isaiah 14:12 · Berean Standard Bible

How you have fallen from heaven, O day star,* son of the dawn! You have been cut down to the ground, O destroyer of nations.

Context

10Wɔn nyinaa bɛgye so, wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, “Wo nso woayɛ mmrɛ sɛ yɛn; woayɛ sɛ yɛn ara.” 11Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba damena mu, ne hooyɛ a ɛfiri wo nsankuo no; wɔde nsammaa asɛ kɛtɛ ama wo na asonsono akata wo so. 12Sɛdeɛ wofiri soro abɛhwe fam, Ao, anɔpa nsoromma, adekyeeɛ babarima! Wɔato wo abɛhwe asase so, wo a na kane no wobrɛ amanaman ase! 13Wokaa no wʼakoma mu sɛ, “Mɛforo akɔ soro; mɛma mʼahennwa so asi Onyankopɔn nsoromma atifi; mɛtena ase adi ɔhene wɔ ahyiaeɛ bepɔ so, deɛ ɛkrɔn paa wɔ bepɔ kronkron no so. 14Mɛforo atra omununkum atifi; mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.