Yesaia 14:11
Isaiah 14:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba damena mu, ne hooyɛ a ɛfiri wo nsankuo no; wɔde nsammaa asɛ kɛtɛ ama wo na asonsono akata wo so.
Isaiah 14:11 in English
Isaiah 14:11 · Berean Standard Bible
Your pomp has been brought down to Sheol, along with the music of your harps. Maggots are your bed and worms your blanket.
Context
9Damena a ɛwɔ aseɛ no rekeka ne ho
abɛhyia wo kwan;
ɛkanyane wɔn a wɔafiri mu no honhom
sɛ wɔmmɛma wo akwaaba,
wɔn a na wɔyɛ akannifoɔ wɔ ewiase,
ɛma wɔsɔre firi wɔn nhennwa so,
wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so. 10Wɔn nyinaa bɛgye so,
wɔbɛka akyerɛ wo sɛ,
“Wo nso woayɛ mmrɛ sɛ yɛn;
woayɛ sɛ yɛn ara.” 11Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba damena mu,
ne hooyɛ a ɛfiri wo nsankuo no;
wɔde nsammaa asɛ kɛtɛ ama wo
na asonsono akata wo so. 12Sɛdeɛ wofiri soro abɛhwe fam,
Ao, anɔpa nsoromma, adekyeeɛ babarima!
Wɔato wo abɛhwe asase so,
wo a na kane no wobrɛ amanaman ase! 13Wokaa no wʼakoma mu sɛ,
“Mɛforo akɔ soro;
mɛma mʼahennwa so
asi Onyankopɔn nsoromma atifi;
mɛtena ase adi ɔhene wɔ ahyiaeɛ bepɔ so,
deɛ ɛkrɔn paa wɔ bepɔ kronkron no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.