Yesaia 14:13
Isaiah 14:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wokaa no wʼakoma mu sɛ, “Mɛforo akɔ soro; mɛma mʼahennwa so asi Onyankopɔn nsoromma atifi; mɛtena ase adi ɔhene wɔ ahyiaeɛ bepɔ so, deɛ ɛkrɔn paa wɔ bepɔ kronkron no so.
Isaiah 14:13 in English
Isaiah 14:13 · Berean Standard Bible
You said in your heart: “I will ascend to the heavens; I will raise my throne above the stars of God. I will sit on the mount of assembly, in the far reaches of the north.*
Context
11Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba damena mu,
ne hooyɛ a ɛfiri wo nsankuo no;
wɔde nsammaa asɛ kɛtɛ ama wo
na asonsono akata wo so. 12Sɛdeɛ wofiri soro abɛhwe fam,
Ao, anɔpa nsoromma, adekyeeɛ babarima!
Wɔato wo abɛhwe asase so,
wo a na kane no wobrɛ amanaman ase! 13Wokaa no wʼakoma mu sɛ,
“Mɛforo akɔ soro;
mɛma mʼahennwa so
asi Onyankopɔn nsoromma atifi;
mɛtena ase adi ɔhene wɔ ahyiaeɛ bepɔ so,
deɛ ɛkrɔn paa wɔ bepɔ kronkron no so. 14Mɛforo atra omununkum atifi;
mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.” 15Nanso wɔde wo abɛto damena mu,
amena donkudonku ase tɔnn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.