Yesaia 14:15
Isaiah 14:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso wɔde wo abɛto damena mu, amena donkudonku ase tɔnn.
Isaiah 14:15 in English
Isaiah 14:15 · Berean Standard Bible
But you will be brought down to Sheol, to the lowest depths of the Pit.
Context
13Wokaa no wʼakoma mu sɛ,
“Mɛforo akɔ soro;
mɛma mʼahennwa so
asi Onyankopɔn nsoromma atifi;
mɛtena ase adi ɔhene wɔ ahyiaeɛ bepɔ so,
deɛ ɛkrɔn paa wɔ bepɔ kronkron no so. 14Mɛforo atra omununkum atifi;
mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.” 15Nanso wɔde wo abɛto damena mu,
amena donkudonku ase tɔnn. 16Wɔn a wɔhunu wo no hwɛ wo haa,
wɔdwene deɛ ato woɔ no ho bisa sɛ,
“Ɛnyɛ ɔbarima a ɔwosoo asase
na ɔmaa ahennie ho popooeɛ, 17ɔbarima a ɔmaa ewiase danee anweatam,
deɛ ɔdanee ne nkuropɔn butuiɛ
na wamma ne nneduafoɔ ankɔ wɔn nkyi no nie?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.