Native Bible

Isaiah 14:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ɔbarima a ɔmaa ewiase danee anweatam, deɛ ɔdanee ne nkuropɔn butuiɛ na wamma ne nneduafoɔ ankɔ wɔn nkyi no nie?”

Isaiah 14:17 in English

Isaiah 14:17 · Berean Standard Bible

who turned the world into a desert and destroyed its cities, who refused to let the captives return to their homes?”

Context

15Nanso wɔde wo abɛto damena mu, amena donkudonku ase tɔnn. 16Wɔn a wɔhunu wo no hwɛ wo haa, wɔdwene deɛ ato woɔ no ho bisa sɛ, “Ɛnyɛ ɔbarima a ɔwosoo asase na ɔmaa ahennie ho popooeɛ, 17ɔbarima a ɔmaa ewiase danee anweatam, deɛ ɔdanee ne nkuropɔn butuiɛ na wamma ne nneduafoɔ ankɔ wɔn nkyi no nie?” 18Amanaman ahemfo no nyinaa, wɔadeda obiara wɔ ne da mu. 19Nanso wɔapam wo afiri wo da mu te sɛ duban a wɔapoɔ; wɔde wɔn a atotɔ akata wo so, wɔn a wɔtɔɔ wɔ akofena ano, wɔn a wɔsiane kɔ aboɔ amena mu, te sɛ efunu a wɔatiatia soɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.