Yesaia 14:18
Isaiah 14:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Amanaman ahemfo no nyinaa, wɔadeda obiara wɔ ne da mu.
Isaiah 14:18 in English
Isaiah 14:18 · Berean Standard Bible
All the kings of the nations lie in state, each in his own tomb.*
Context
16Wɔn a wɔhunu wo no hwɛ wo haa,
wɔdwene deɛ ato woɔ no ho bisa sɛ,
“Ɛnyɛ ɔbarima a ɔwosoo asase
na ɔmaa ahennie ho popooeɛ, 17ɔbarima a ɔmaa ewiase danee anweatam,
deɛ ɔdanee ne nkuropɔn butuiɛ
na wamma ne nneduafoɔ ankɔ wɔn nkyi no nie?” 18Amanaman ahemfo no nyinaa, wɔadeda obiara
wɔ ne da mu. 19Nanso wɔapam wo afiri wo da mu
te sɛ duban a wɔapoɔ;
wɔde wɔn a atotɔ akata wo so,
wɔn a wɔtɔɔ wɔ akofena ano,
wɔn a wɔsiane kɔ aboɔ amena mu,
te sɛ efunu a wɔatiatia soɔ. 20Wɔrensie wo nka wɔn ho,
ɛfiri sɛ, woasɛe wʼasase
na wakunkum wo nkurɔfoɔ.
Otirimuɔdenfoɔ asefoɔ no
wɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼadeɛ sɛ ɔhene.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.