Native Bible

Isaiah 14:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔrensie wo nka wɔn ho, ɛfiri sɛ, woasɛe wʼasase na wakunkum wo nkurɔfoɔ. Otirimuɔdenfoɔ asefoɔ no wɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼadeɛ sɛ ɔhene.

Isaiah 14:20 in English

Isaiah 14:20 · Berean Standard Bible

You will not join them in burial, since you have destroyed your land and slaughtered your own people. The offspring of the wicked will never again be mentioned.

Context

18Amanaman ahemfo no nyinaa, wɔadeda obiara wɔ ne da mu. 19Nanso wɔapam wo afiri wo da mu te sɛ duban a wɔapoɔ; wɔde wɔn a atotɔ akata wo so, wɔn a wɔtɔɔ wɔ akofena ano, wɔn a wɔsiane kɔ aboɔ amena mu, te sɛ efunu a wɔatiatia soɔ. 20Wɔrensie wo nka wɔn ho, ɛfiri sɛ, woasɛe wʼasase na wakunkum wo nkurɔfoɔ. Otirimuɔdenfoɔ asefoɔ no wɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼadeɛ sɛ ɔhene. 21Siesie baabi a wɔbɛkunkum ne mmammarima wɔ wɔn agyanom bɔne nti; ɛnsɛ sɛ wɔsɔre di asase no so na wɔde wɔn nkuropɔn pete so. 22“Mɛsɔre atia wɔn,” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Mɛtwa ne din ne ne nkaeɛfoɔ, ne mma ne mmanananom afiri Babilonia ho,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.