Native Bible

Isaiah 14:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Siesie baabi a wɔbɛkunkum ne mmammarima wɔ wɔn agyanom bɔne nti; ɛnsɛ sɛ wɔsɔre di asase no so na wɔde wɔn nkuropɔn pete so.

Isaiah 14:21 in English

Isaiah 14:21 · Berean Standard Bible

Prepare a place to slaughter his sons for the iniquities of their forefathers. They will never rise up to possess a land or cover the earth with their cities.

Context

19Nanso wɔapam wo afiri wo da mu te sɛ duban a wɔapoɔ; wɔde wɔn a atotɔ akata wo so, wɔn a wɔtɔɔ wɔ akofena ano, wɔn a wɔsiane kɔ aboɔ amena mu, te sɛ efunu a wɔatiatia soɔ. 20Wɔrensie wo nka wɔn ho, ɛfiri sɛ, woasɛe wʼasase na wakunkum wo nkurɔfoɔ. Otirimuɔdenfoɔ asefoɔ no wɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼadeɛ sɛ ɔhene. 21Siesie baabi a wɔbɛkunkum ne mmammarima wɔ wɔn agyanom bɔne nti; ɛnsɛ sɛ wɔsɔre di asase no so na wɔde wɔn nkuropɔn pete so. 22“Mɛsɔre atia wɔn,” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Mɛtwa ne din ne ne nkaeɛfoɔ, ne mma ne mmanananom afiri Babilonia ho,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. 23“Mɛdane no ayɛ beaeɛ a apatuo wɔ ne ɔwora; mede ɔsɛeɛ praeɛ bɛpra no,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.