Yesaia 14:23
Isaiah 14:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mɛdane no ayɛ beaeɛ a apatuo wɔ ne ɔwora; mede ɔsɛeɛ praeɛ bɛpra no,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
Isaiah 14:23 in English
Isaiah 14:23 · Berean Standard Bible
“I will make her a place for owls and for swamplands; I will sweep her away with the broom of destruction,” declares the LORD of Hosts.
Context
21Siesie baabi a wɔbɛkunkum ne mmammarima
wɔ wɔn agyanom bɔne nti;
ɛnsɛ sɛ wɔsɔre di asase no so
na wɔde wɔn nkuropɔn pete so. 22“Mɛsɔre atia wɔn,”
Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
“Mɛtwa ne din ne ne nkaeɛfoɔ,
ne mma ne mmanananom afiri Babilonia ho,”
sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. 23“Mɛdane no ayɛ beaeɛ a apatuo wɔ
ne ɔwora;
mede ɔsɛeɛ praeɛ bɛpra no,”
sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. 24Asafo Awurade aka ntam sɛ,
“Nokorɛm, sɛdeɛ mahyehyɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ,
na sɛdeɛ madwene ho no, ɛrensesa. 25Mɛsɛe Asiria pasaa wɔ mʼasase so;
mɛtiatia ne so me mmepɔ so.
Ɔbɛyi ne kɔnnua afiri me nkurɔfoɔ so,
na nʼadesoa nso afiri wɔn so.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.