Native Bible

Isaiah 14:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Asafo Awurade aka ntam sɛ, “Nokorɛm, sɛdeɛ mahyehyɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ, na sɛdeɛ madwene ho no, ɛrensesa.

Isaiah 14:24 in English

Isaiah 14:24 · Berean Standard Bible

The LORD of Hosts has sworn: “Surely, as I have planned, so will it be; as I have purposed, so will it stand.

Context

22“Mɛsɔre atia wɔn,” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Mɛtwa ne din ne ne nkaeɛfoɔ, ne mma ne mmanananom afiri Babilonia ho,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. 23“Mɛdane no ayɛ beaeɛ a apatuo wɔ ne ɔwora; mede ɔsɛeɛ praeɛ bɛpra no,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. 24Asafo Awurade aka ntam sɛ, “Nokorɛm, sɛdeɛ mahyehyɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ, na sɛdeɛ madwene ho no, ɛrensesa. 25Mɛsɛe Asiria pasaa wɔ mʼasase so; mɛtiatia ne so me mmepɔ so. Ɔbɛyi ne kɔnnua afiri me nkurɔfoɔ so, na nʼadesoa nso afiri wɔn so.” 26Yei ne nhyehyɛeɛ a wɔayɛ ama ewiase nyinaa; yei ne nsa a wɔatene wɔ aman nyinaa so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.