Yesaia 14:26
Isaiah 14:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei ne nhyehyɛeɛ a wɔayɛ ama ewiase nyinaa; yei ne nsa a wɔatene wɔ aman nyinaa so.
Isaiah 14:26 in English
Isaiah 14:26 · Berean Standard Bible
This is the plan devised for the whole earth, and this is the hand stretched out over all the nations.
Context
24Asafo Awurade aka ntam sɛ,
“Nokorɛm, sɛdeɛ mahyehyɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ,
na sɛdeɛ madwene ho no, ɛrensesa. 25Mɛsɛe Asiria pasaa wɔ mʼasase so;
mɛtiatia ne so me mmepɔ so.
Ɔbɛyi ne kɔnnua afiri me nkurɔfoɔ so,
na nʼadesoa nso afiri wɔn so.” 26Yei ne nhyehyɛeɛ a wɔayɛ ama ewiase nyinaa;
yei ne nsa a wɔatene wɔ aman nyinaa so. 27Na sɛ Asafo Awurade ayɛ nʼadwene a hwan na ɔbɛsi no kwan?
Na sɛ watene ne nsa, hwan na ɔbɛsianka no? 28Saa adehunu yi baa afe a ɔhene Ahas wuiɛ no:
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.