Native Bible

Isaiah 14:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na sɛ Asafo Awurade ayɛ nʼadwene a hwan na ɔbɛsi no kwan? Na sɛ watene ne nsa, hwan na ɔbɛsianka no?

Isaiah 14:27 in English

Isaiah 14:27 · Berean Standard Bible

The LORD of Hosts has purposed, and who can thwart Him? His hand is outstretched, so who can turn it back?

Context

25Mɛsɛe Asiria pasaa wɔ mʼasase so; mɛtiatia ne so me mmepɔ so. Ɔbɛyi ne kɔnnua afiri me nkurɔfoɔ so, na nʼadesoa nso afiri wɔn so.” 26Yei ne nhyehyɛeɛ a wɔayɛ ama ewiase nyinaa; yei ne nsa a wɔatene wɔ aman nyinaa so. 27Na sɛ Asafo Awurade ayɛ nʼadwene a hwan na ɔbɛsi no kwan? Na sɛ watene ne nsa, hwan na ɔbɛsianka no? 28Saa adehunu yi baa afe a ɔhene Ahas wuiɛ no: 29Monnni ahurisie, mo Filistifoɔ, sɛ abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu; saa ɔwɔ no ase na ɔnanka bɛfiri aba, na nʼaba bɛyɛ ɔtweaseɛ a ne ho yɛ herɛ na nʼano wɔ borɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.