Native Bible

Isaiah 14:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Monnni ahurisie, mo Filistifoɔ, sɛ abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu; saa ɔwɔ no ase na ɔnanka bɛfiri aba, na nʼaba bɛyɛ ɔtweaseɛ a ne ho yɛ herɛ na nʼano wɔ borɔ.

Isaiah 14:29 in English

Isaiah 14:29 · Berean Standard Bible

Do not rejoice, all you Philistines, that the rod that struck you is broken. For a viper will spring from the root of the snake, and a flying serpent from its egg.

Context

27Na sɛ Asafo Awurade ayɛ nʼadwene a hwan na ɔbɛsi no kwan? Na sɛ watene ne nsa, hwan na ɔbɛsianka no? 28Saa adehunu yi baa afe a ɔhene Ahas wuiɛ no: 29Monnni ahurisie, mo Filistifoɔ, sɛ abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu; saa ɔwɔ no ase na ɔnanka bɛfiri aba, na nʼaba bɛyɛ ɔtweaseɛ a ne ho yɛ herɛ na nʼano wɔ borɔ. 30Ahiafoɔ mu hiani bɛnya adidibea, na mmɔborɔni bɛda asomdwoeɛ mu. Nanso wʼasefoɔ deɛ, mede ɛkɔm bɛtɔre wɔn ase; ɛbɛkunkum wo nkaeɛfoɔ. 31Twa adwo, Ao kuro ɛpono! Su teaam Ao kuropɔn! Monnwane, mo Filistifoɔ! Wisie kumɔnn bi firi atifi fam reba, na obiara ntwentwɛn ne nan ase wɔ wɔn mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.