Native Bible

Isaiah 14:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ahiafoɔ mu hiani bɛnya adidibea, na mmɔborɔni bɛda asomdwoeɛ mu. Nanso wʼasefoɔ deɛ, mede ɛkɔm bɛtɔre wɔn ase; ɛbɛkunkum wo nkaeɛfoɔ.

Isaiah 14:30 in English

Isaiah 14:30 · Berean Standard Bible

Then the firstborn of the poor will find pasture, and the needy will lie down in safety, but I will kill your root by famine, and your remnant will be slain.

Context

28Saa adehunu yi baa afe a ɔhene Ahas wuiɛ no: 29Monnni ahurisie, mo Filistifoɔ, sɛ abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu; saa ɔwɔ no ase na ɔnanka bɛfiri aba, na nʼaba bɛyɛ ɔtweaseɛ a ne ho yɛ herɛ na nʼano wɔ borɔ. 30Ahiafoɔ mu hiani bɛnya adidibea, na mmɔborɔni bɛda asomdwoeɛ mu. Nanso wʼasefoɔ deɛ, mede ɛkɔm bɛtɔre wɔn ase; ɛbɛkunkum wo nkaeɛfoɔ. 31Twa adwo, Ao kuro ɛpono! Su teaam Ao kuropɔn! Monnwane, mo Filistifoɔ! Wisie kumɔnn bi firi atifi fam reba, na obiara ntwentwɛn ne nan ase wɔ wɔn mu. 32Mmuaeɛ bɛn na wɔde bɛma saa ɔman no ananmusifoɔ? “Awurade de Sion atim hɔ. Ne mu na nʼamanehunufoɔ bɛnya dwanekɔbea.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.