Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Ɛwom sɛ Efraim sisii afɔrebukyia bebree a wɔbɔ bɔne fakyɛ afɔdeɛ wɔ so deɛ, ɛno enti abɛyɛ afɔrebukyia a wɔyɛ bɔne wɔ so.

Hosea 8:11 in English

Hosea 8:11 · Berean Standard Bible

Though Ephraim multiplied the altars for sin, they became his altars for sinning.

Context

9Na wɔakɔ Asiria te sɛ wiram afunumu a ɔno nko ara nenam. Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfoɔ. 10Ɛwom, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu deɛ, nanso mɛboaboa wɔn ano. Wɔn so bɛfiri aseɛ ate wɔ ɔhene kɛseɛ bi nhyɛsoɔ ase. 11“Ɛwom sɛ Efraim sisii afɔrebukyia bebree a wɔbɔ bɔne fakyɛ afɔdeɛ wɔ so deɛ, ɛno enti abɛyɛ afɔrebukyia a wɔyɛ bɔne wɔ so. 12Metwerɛɛ me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn, nanso wɔfaa no sɛ ananafoɔ adeɛ. 13Wɔde mʼayɛyɛdeɛ bɔ afɔdeɛ na wɔwe ɛnam no, nanso wɔnsɔ Awurade ani. Afei, ɔbɛkae wɔn atirimuɔdensɛm na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho: Wɔbɛsane akɔ Misraim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.