Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Metwerɛɛ me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn, nanso wɔfaa no sɛ ananafoɔ adeɛ.

Hosea 8:12 in English

Hosea 8:12 · Berean Standard Bible

Though I wrote for them the great things of My law, they regarded them as something strange.

Context

10Ɛwom, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu deɛ, nanso mɛboaboa wɔn ano. Wɔn so bɛfiri aseɛ ate wɔ ɔhene kɛseɛ bi nhyɛsoɔ ase. 11“Ɛwom sɛ Efraim sisii afɔrebukyia bebree a wɔbɔ bɔne fakyɛ afɔdeɛ wɔ so deɛ, ɛno enti abɛyɛ afɔrebukyia a wɔyɛ bɔne wɔ so. 12Metwerɛɛ me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn, nanso wɔfaa no sɛ ananafoɔ adeɛ. 13Wɔde mʼayɛyɛdeɛ bɔ afɔdeɛ na wɔwe ɛnam no, nanso wɔnsɔ Awurade ani. Afei, ɔbɛkae wɔn atirimuɔdensɛm na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho: Wɔbɛsane akɔ Misraim. 14Israel werɛ afiri ne yɛfoɔ na wasisi ahemfie akɛseakɛseɛ; Yuda abɔ nkuro bebree ho ban. Nanso, mɛto ne nkuropɔn mu ogya a ɛbɛhye wɔn aban.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.