Hosea 8:13
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔde mʼayɛyɛdeɛ bɔ afɔdeɛ na wɔwe ɛnam no, nanso wɔnsɔ Awurade ani. Afei, ɔbɛkae wɔn atirimuɔdensɛm na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho: Wɔbɛsane akɔ Misraim.
Hosea 8:13 in English
Hosea 8:13 · Berean Standard Bible
Though they offer sacrifices as gifts to Me, and though they eat the meat, the LORD does not accept them. Now He will remember their iniquity and punish their sins: They will return to Egypt.
Context
11“Ɛwom sɛ Efraim sisii afɔrebukyia bebree a wɔbɔ bɔne fakyɛ afɔdeɛ wɔ so deɛ,
ɛno enti abɛyɛ afɔrebukyia a wɔyɛ bɔne wɔ so. 12Metwerɛɛ me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn,
nanso wɔfaa no sɛ ananafoɔ adeɛ. 13Wɔde mʼayɛyɛdeɛ bɔ afɔdeɛ
na wɔwe ɛnam no,
nanso wɔnsɔ Awurade ani.
Afei, ɔbɛkae wɔn atirimuɔdensɛm
na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho:
Wɔbɛsane akɔ Misraim. 14Israel werɛ afiri ne yɛfoɔ
na wasisi ahemfie akɛseakɛseɛ;
Yuda abɔ nkuro bebree ho ban.
Nanso, mɛto ne nkuropɔn mu ogya
a ɛbɛhye wɔn aban.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.