Hosea 8:9
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na wɔakɔ Asiria te sɛ wiram afunumu a ɔno nko ara nenam. Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfoɔ.
Hosea 8:9 in English
Hosea 8:9 · Berean Standard Bible
For they have gone up to Assyria like a wild donkey on its own. Ephraim * has hired lovers.
Context
7“Wɔdua mframa
na wɔtwa ntwahoframa.
Awuo a ɛgyina hɔ no nni tire;
enti wɔrennya esam mfiri mu.
Sɛ ɛso aduane mpo a,
ahɔhoɔ na wɔbɛdi. 8Wɔamene Israel;
afei ɔfra aman no mu
te sɛ adeɛ a ɛho nni mfasoɔ biara. 9Na wɔakɔ Asiria
te sɛ wiram afunumu a ɔno nko ara nenam.
Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfoɔ. 10Ɛwom, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu deɛ,
nanso mɛboaboa wɔn ano.
Wɔn so bɛfiri aseɛ ate
wɔ ɔhene kɛseɛ bi nhyɛsoɔ ase. 11“Ɛwom sɛ Efraim sisii afɔrebukyia bebree a wɔbɔ bɔne fakyɛ afɔdeɛ wɔ so deɛ,
ɛno enti abɛyɛ afɔrebukyia a wɔyɛ bɔne wɔ so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.