Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛda a ɔhene rehyɛ fa no ahenemma boro nsã, na ɔhene no fɛdifoɔ ne wɔn bɔ mu goro.

Hosea 7:5 in English

Hosea 7:5 · Berean Standard Bible

The princes are inflamed with wine on the day of our king; so he joins hands with those who mock him.

Context

3“Wɔde atirimuɔdensɛm gyegye ɔhene no ani, na wɔde atorɔ nso gyegye ahenemma no ani. 4Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ a akɔnnɔ redɛre wɔ wɔn mu. Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu ogya ɛberɛ a burodotofoɔ ahyɛ aseɛ refotɔ nʼasikyiresiam. 5Ɛda a ɔhene rehyɛ fa no ahenemma boro nsã, na ɔhene no fɛdifoɔ ne wɔn bɔ mu goro. 6Wɔn akoma te sɛ fononoo; wɔde atirimpɔ bɔne kɔ ɔhene anim. Wɔn nsusuiɛ bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa; adekyeeɛ mu no, ɛdɛre te sɛ ogyaframa. 7Wɔn nyinaa ayɛ hye sɛ fononoo. Wɔkunkumm wɔn sodifoɔ. Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe ase na wɔn mu biara nnsu mfrɛ me.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.