Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Wɔde atirimuɔdensɛm gyegye ɔhene no ani, na wɔde atorɔ nso gyegye ahenemma no ani.

Hosea 7:3 in English

Hosea 7:3 · Berean Standard Bible

They delight the king with their evil, and the princes with their lies.

Context

1ɛberɛ biara a mɛsa Israel yadeɛ no, Efraim nnebɔne da adi. Samaria awurukasɛm nso daa adi. Wɔyɛ nnaadaafoɔ akorɔmfoɔ a wɔbubu adan ani kɔ afie mu, ne akwanmukafoɔ a wɔbɔ korɔno wɔ mmɔntene so. 2Na wɔnhunu sɛ mekae wɔn nnebɔne nyinaa. Wɔn bɔne bunkam fa wɔn so; ɛgu mʼanim ɛberɛ biara. 3“Wɔde atirimuɔdensɛm gyegye ɔhene no ani, na wɔde atorɔ nso gyegye ahenemma no ani. 4Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ a akɔnnɔ redɛre wɔ wɔn mu. Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu ogya ɛberɛ a burodotofoɔ ahyɛ aseɛ refotɔ nʼasikyiresiam. 5Ɛda a ɔhene rehyɛ fa no ahenemma boro nsã, na ɔhene no fɛdifoɔ ne wɔn bɔ mu goro.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.