Hosea 7:1
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɛberɛ biara a mɛsa Israel yadeɛ no, Efraim nnebɔne da adi. Samaria awurukasɛm nso daa adi. Wɔyɛ nnaadaafoɔ akorɔmfoɔ a wɔbubu adan ani kɔ afie mu, ne akwanmukafoɔ a wɔbɔ korɔno wɔ mmɔntene so.
Hosea 7:1 in English
Hosea 7:1 · Berean Standard Bible
When I heal Israel, the iniquity of Ephraim * will be exposed, as well as the crimes of Samaria. For they practice deceit and thieves break in; bandits raid in the streets.
Context
1ɛberɛ biara a mɛsa Israel yadeɛ no,
Efraim nnebɔne da adi.
Samaria awurukasɛm nso daa adi.
Wɔyɛ nnaadaafoɔ
akorɔmfoɔ a wɔbubu adan ani kɔ afie mu,
ne akwanmukafoɔ a wɔbɔ korɔno wɔ mmɔntene so. 2Na wɔnhunu sɛ
mekae wɔn nnebɔne nyinaa.
Wɔn bɔne bunkam fa wɔn so;
ɛgu mʼanim ɛberɛ biara. 3“Wɔde atirimuɔdensɛm gyegye ɔhene no ani,
na wɔde atorɔ nso gyegye ahenemma no ani.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.