Hosea 7:4
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ a akɔnnɔ redɛre wɔ wɔn mu. Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu ogya ɛberɛ a burodotofoɔ ahyɛ aseɛ refotɔ nʼasikyiresiam.
Hosea 7:4 in English
Hosea 7:4 · Berean Standard Bible
They are all adulterers, like an oven heated by a baker who needs not stoke the fire from the kneading to the rising of the dough.
Context
2Na wɔnhunu sɛ
mekae wɔn nnebɔne nyinaa.
Wɔn bɔne bunkam fa wɔn so;
ɛgu mʼanim ɛberɛ biara. 3“Wɔde atirimuɔdensɛm gyegye ɔhene no ani,
na wɔde atorɔ nso gyegye ahenemma no ani. 4Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ
a akɔnnɔ redɛre wɔ wɔn mu.
Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu ogya
ɛberɛ a burodotofoɔ ahyɛ aseɛ refotɔ nʼasikyiresiam. 5Ɛda a ɔhene rehyɛ fa no
ahenemma boro nsã,
na ɔhene no fɛdifoɔ ne wɔn bɔ mu goro. 6Wɔn akoma te sɛ fononoo;
wɔde atirimpɔ bɔne kɔ ɔhene anim.
Wɔn nsusuiɛ bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa;
adekyeeɛ mu no, ɛdɛre te sɛ ogyaframa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.