Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn akoma te sɛ fononoo; wɔde atirimpɔ bɔne kɔ ɔhene anim. Wɔn nsusuiɛ bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa; adekyeeɛ mu no, ɛdɛre te sɛ ogyaframa.

Hosea 7:6 in English

Hosea 7:6 · Berean Standard Bible

For they prepare their heart like an oven while they lie in wait; all night their anger smolders;* in the morning it blazes like a flaming fire.

Context

4Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ a akɔnnɔ redɛre wɔ wɔn mu. Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu ogya ɛberɛ a burodotofoɔ ahyɛ aseɛ refotɔ nʼasikyiresiam. 5Ɛda a ɔhene rehyɛ fa no ahenemma boro nsã, na ɔhene no fɛdifoɔ ne wɔn bɔ mu goro. 6Wɔn akoma te sɛ fononoo; wɔde atirimpɔ bɔne kɔ ɔhene anim. Wɔn nsusuiɛ bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa; adekyeeɛ mu no, ɛdɛre te sɛ ogyaframa. 7Wɔn nyinaa ayɛ hye sɛ fononoo. Wɔkunkumm wɔn sodifoɔ. Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe ase na wɔn mu biara nnsu mfrɛ me. 8“Efraim ne aman no adi afra Efraim yɛ ɔfam a anyinya a wɔnkusaeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.