Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Samaria na ne ɔhene bɛsene akɔ te sɛ dua sini a ɛtɛ nsuo ani.

Hosea 10:7 in English

Hosea 10:7 · Berean Standard Bible

Samaria will be carried off with her king like a twig on the surface of the water.

Context

5Nnipa a wɔte Samaria no suro ma Bet Awen nantwie ba ohoni no. Ne nkurɔfoɔ bɛsu. Saa ara na nʼabosomfoɔ nso bɛyɛ, wɔn a wɔgyee wɔn ani wɔ nʼanimuonyam ho no. Ɛfiri sɛ wɔafa no afiri wɔn nkyɛn kɔ nnommumfa mu. 6Wɔde no bɛkɔ Asiria, de akɔhyɛ ɔhene kɛseɛ no animuonyam. Ɛbɛgu Efraim anim ase; na Israel ani bɛwu wɔ ne nnua ahoni ho. 7Samaria na ne ɔhene bɛsene akɔ te sɛ dua sini a ɛtɛ nsuo ani. 8Wɔbɛsɛe abosonnan a wɔdi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no. Nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri hɔ, na akata wɔn afɔrebukyia so. Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ, “Mommɛkata yɛn so!” na wase nkokoɔ sɛ, “Monnwiri ngu yɛn so!” 9“Ɛfiri Gibea berɛ so, woayɛ bɔne, Ao, Israel, na ɛhɔ na woaka. Na ɔko rentwi amfa amumuyɛfoɔ ɛwɔ Gibea no so anaa?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.