Hosea 10:8
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɛsɛe abosonnan a wɔdi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no. Nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri hɔ, na akata wɔn afɔrebukyia so. Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ, “Mommɛkata yɛn so!” na wase nkokoɔ sɛ, “Monnwiri ngu yɛn so!”
Hosea 10:8 in English
Hosea 10:8 · Berean Standard Bible
The high places of Aven * will be destroyed— it is the sin of Israel; thorns and thistles will overgrow their altars. Then they will say to the mountains, “Cover us!” and to the hills, “Fall on us!”*
Context
6Wɔde no bɛkɔ Asiria,
de akɔhyɛ ɔhene kɛseɛ no animuonyam.
Ɛbɛgu Efraim anim ase;
na Israel ani bɛwu wɔ ne nnua ahoni ho. 7Samaria na ne ɔhene bɛsene akɔ
te sɛ dua sini a ɛtɛ nsuo ani. 8Wɔbɛsɛe abosonnan a wɔdi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no.
Nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri hɔ,
na akata wɔn afɔrebukyia so.
Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ, “Mommɛkata yɛn so!”
na wase nkokoɔ sɛ, “Monnwiri ngu yɛn so!” 9“Ɛfiri Gibea berɛ so, woayɛ bɔne, Ao, Israel,
na ɛhɔ na woaka.
Na ɔko rentwi amfa
amumuyɛfoɔ ɛwɔ Gibea no so anaa? 10Ɛberɛ a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso;
aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn.
Wɔde mpokyerɛ bɛgu wɔn wɔ wɔn bɔne dodoɔ ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.