Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Ɛfiri Gibea berɛ so, woayɛ bɔne, Ao, Israel, na ɛhɔ na woaka. Na ɔko rentwi amfa amumuyɛfoɔ ɛwɔ Gibea no so anaa?

Hosea 10:9 in English

Hosea 10:9 · Berean Standard Bible

Since the days of Gibeah you have sinned, O Israel, and there you have remained. Did not the battle in Gibeah overtake the sons of iniquity?*

Context

7Samaria na ne ɔhene bɛsene akɔ te sɛ dua sini a ɛtɛ nsuo ani. 8Wɔbɛsɛe abosonnan a wɔdi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no. Nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri hɔ, na akata wɔn afɔrebukyia so. Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ, “Mommɛkata yɛn so!” na wase nkokoɔ sɛ, “Monnwiri ngu yɛn so!” 9“Ɛfiri Gibea berɛ so, woayɛ bɔne, Ao, Israel, na ɛhɔ na woaka. Na ɔko rentwi amfa amumuyɛfoɔ ɛwɔ Gibea no so anaa? 10Ɛberɛ a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso; aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn. Wɔde mpokyerɛ bɛgu wɔn wɔ wɔn bɔne dodoɔ ho. 11Efraim yɛ nantwie ba a wɔayɛn no, a ɔpɛ ayuporeeɛ adwuma, enti mede kɔnnua bɛto ne kɔn fɛfɛ mu. Mɛkyerɛ Efraim ɛkwan, ɛsɛ sɛ Yuda funtum asase no, na Yakob nso siesie so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.