Hosea 10:11
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Efraim yɛ nantwie ba a wɔayɛn no, a ɔpɛ ayuporeeɛ adwuma, enti mede kɔnnua bɛto ne kɔn fɛfɛ mu. Mɛkyerɛ Efraim ɛkwan, ɛsɛ sɛ Yuda funtum asase no, na Yakob nso siesie so.
Hosea 10:11 in English
Hosea 10:11 · Berean Standard Bible
Ephraim is a well-trained heifer that loves to thresh; but I will place a yoke on her fair neck. I will harness Ephraim, Judah will plow, and Jacob will break the hard ground.
Context
9“Ɛfiri Gibea berɛ so, woayɛ bɔne, Ao, Israel,
na ɛhɔ na woaka.
Na ɔko rentwi amfa
amumuyɛfoɔ ɛwɔ Gibea no so anaa? 10Ɛberɛ a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso;
aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn.
Wɔde mpokyerɛ bɛgu wɔn wɔ wɔn bɔne dodoɔ ho. 11Efraim yɛ nantwie ba a wɔayɛn no,
a ɔpɛ ayuporeeɛ adwuma,
enti mede kɔnnua
bɛto ne kɔn fɛfɛ mu.
Mɛkyerɛ Efraim ɛkwan,
ɛsɛ sɛ Yuda funtum asase no,
na Yakob nso siesie so. 12Dua tenenee aba ma wo ho,
twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa,
siesie wʼasase a wɔmfuntum so no;
na ɛberɛ aduru sɛ wohwehwɛ Awurade,
kɔsi sɛ ɔbɛba
abɛpete tenenee agu wo so. 13Nanso, woadua atirimuɔden aba,
na woatwa aba bɔne.
Woadi nnaadaa aba.
Ɛfiri sɛ wode wo ho ato wʼahoɔden
ne wʼakodɔm bebrebe no so,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.