Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, woadua atirimuɔden aba, na woatwa aba bɔne. Woadi nnaadaa aba. Ɛfiri sɛ wode wo ho ato wʼahoɔden ne wʼakodɔm bebrebe no so,

Hosea 10:13 in English

Hosea 10:13 · Berean Standard Bible

You have plowed wickedness and reaped injustice; you have eaten the fruit of lies. Because you have trusted in your own way and in the multitude of your mighty men,

Context

11Efraim yɛ nantwie ba a wɔayɛn no, a ɔpɛ ayuporeeɛ adwuma, enti mede kɔnnua bɛto ne kɔn fɛfɛ mu. Mɛkyerɛ Efraim ɛkwan, ɛsɛ sɛ Yuda funtum asase no, na Yakob nso siesie so. 12Dua tenenee aba ma wo ho, twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa, siesie wʼasase a wɔmfuntum so no; na ɛberɛ aduru sɛ wohwehwɛ Awurade, kɔsi sɛ ɔbɛba abɛpete tenenee agu wo so. 13Nanso, woadua atirimuɔden aba, na woatwa aba bɔne. Woadi nnaadaa aba. Ɛfiri sɛ wode wo ho ato wʼahoɔden ne wʼakodɔm bebrebe no so, 14ɔko mu hooyɛ bɛsɔre atia wo nkurɔfoɔ, na wʼaban nyinaa bɛsɛe, sɛdeɛ Salman sɛee Bet Arbel ɔko da no, da a wɔde maamenom ne wɔn mma hwehwee fam no. 15Saa ara na ɛbɛba wo so Ao, Bet-El, ɛfiri sɛ wʼatirimuɔdensɛm no dɔɔso. Sɛ ɛda no duru a, Wɔbɛsɛe Israelhene no koraa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.