Hosea 10:14
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɔko mu hooyɛ bɛsɔre atia wo nkurɔfoɔ, na wʼaban nyinaa bɛsɛe, sɛdeɛ Salman sɛee Bet Arbel ɔko da no, da a wɔde maamenom ne wɔn mma hwehwee fam no.
Hosea 10:14 in English
Hosea 10:14 · Berean Standard Bible
the roar of battle will rise against your people, so that all your fortresses will be demolished as Shalman devastated Beth-arbel in the day of battle, when mothers were dashed to pieces along with their children.
Context
12Dua tenenee aba ma wo ho,
twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa,
siesie wʼasase a wɔmfuntum so no;
na ɛberɛ aduru sɛ wohwehwɛ Awurade,
kɔsi sɛ ɔbɛba
abɛpete tenenee agu wo so. 13Nanso, woadua atirimuɔden aba,
na woatwa aba bɔne.
Woadi nnaadaa aba.
Ɛfiri sɛ wode wo ho ato wʼahoɔden
ne wʼakodɔm bebrebe no so, 14ɔko mu hooyɛ bɛsɔre atia wo nkurɔfoɔ,
na wʼaban nyinaa bɛsɛe,
sɛdeɛ Salman sɛee Bet Arbel ɔko da no,
da a wɔde maamenom ne wɔn mma hwehwee fam no. 15Saa ara na ɛbɛba wo so Ao, Bet-El,
ɛfiri sɛ wʼatirimuɔdensɛm no dɔɔso.
Sɛ ɛda no duru a,
Wɔbɛsɛe Israelhene no koraa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.