Hosea 10:6
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔde no bɛkɔ Asiria, de akɔhyɛ ɔhene kɛseɛ no animuonyam. Ɛbɛgu Efraim anim ase; na Israel ani bɛwu wɔ ne nnua ahoni ho.
Hosea 10:6 in English
Hosea 10:6 · Berean Standard Bible
Yes, it will be carried to Assyria as tribute to the great king.* Ephraim * will be seized with shame; Israel will be ashamed of its wooden idols.*
Context
4Wɔhyɛ bɔ ahodoɔ bebree,
Wɔka ntam hunu
na wɔyɛ apam ahodoɔ;
ɛno enti mansotwe sɔresɔre
te sɛ wira a borɔ wɔ mu
a afifiri asase a wɔafuntum so. 5Nnipa a wɔte Samaria no suro ma
Bet Awen nantwie ba ohoni no.
Ne nkurɔfoɔ bɛsu.
Saa ara na nʼabosomfoɔ nso bɛyɛ,
wɔn a wɔgyee wɔn ani wɔ nʼanimuonyam ho no.
Ɛfiri sɛ wɔafa no afiri wɔn nkyɛn kɔ nnommumfa mu. 6Wɔde no bɛkɔ Asiria,
de akɔhyɛ ɔhene kɛseɛ no animuonyam.
Ɛbɛgu Efraim anim ase;
na Israel ani bɛwu wɔ ne nnua ahoni ho. 7Samaria na ne ɔhene bɛsene akɔ
te sɛ dua sini a ɛtɛ nsuo ani. 8Wɔbɛsɛe abosonnan a wɔdi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no.
Nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri hɔ,
na akata wɔn afɔrebukyia so.
Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ, “Mommɛkata yɛn so!”
na wase nkokoɔ sɛ, “Monnwiri ngu yɛn so!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.